Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:13
9 Iomraidhean Croise  

Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.


Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,


Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.


Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio.


Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.


na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.


Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan