Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:10
26 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.


Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,


Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano),


Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.


Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.


Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.


Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?


Akoa a wabɛdi hene ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ,


Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne adehyeɛ a wɔnenam fam sɛ nkoa.


M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.


Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a Ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn.


Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ.


Na Luhit aforoeɛ hɔ wɔde esu ara nko foro kɔ soro; na Horonaim asianeeɛ hɔ ahohiahiafoɔ tee agyaadwo gyegyeegyeyɛ.


Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu,


Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan