Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:1
9 Iomraidhean Croise  

Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa.


na ɔsane de nsahyɛfoɔ mu panin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.


Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ.


Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba


Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu.


Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.


Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan