Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:7
8 Iomraidhean Croise  

Na Elioenai mma ne: Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.


Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,


asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.


Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no.


Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan