Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no. Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no. Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:31
10 Iomraidhean Croise  

Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.


Na yɛhyɛɛ sɛ yɛde yɛn asase so aduanekan ne nnua nyinaa aba a ɛdi kan bɛba AWURADE fie daa afe,


Na ɔsɔfoɔ, Aaron ba, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no mfa ntotosoɔ du du no mu deɛ ɛtɔ so du no mmra yɛn Nyankopɔn fie, na wɔmfa ngu adekoradan mpia no mu.


Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.


Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.


Ao, Me Nyankopɔn, mesrɛ wo, kae ma me yiedie wɔ deɛ ɔman yi nti meyɛeɛ no nyinaa ho.


AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me,


Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mfomsoɔ, na mmom kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ, AWURADE, w’ayamyie nti.


Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan