Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɛbaa sɛ wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɛbaa sɛ wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpamoo amanfrafoɔ no nyinaa firii badwa no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔtee mmara no no, woyiyii amamfrafo nyinaa fii Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:3
12 Iomraidhean Croise  

Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho.


ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan.


Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,


Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ.


Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara.


Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,


Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie?


Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan