Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Mibisae se, “Ɛnyɛ eyi bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so hene toto ne ho a, ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn dɔɔ no, na osii no hene wɔ Israel nyinaa so. Nanso ɔno mpo ananafo aware de no kɔɔ bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Mebisaa sɛ, “Ɛnyɛ yei bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so ɔhene to ne ho a, ɛnyɛ yie. Onyankopɔn dɔɔ no, na ɔsii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Nanso, ɔno mpo ananafoɔ awadeɛ de no kɔɔ bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 So ɛnyɛ eyinom ho na Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Nanso amanaman bebree mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene: ɔno mpo, mmea ananafo na wɔma ɔyɛɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:26
10 Iomraidhean Croise  

(Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no.


hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.


Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ wo nna nyinaa mu.


Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene.


nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na w’akyi nso wɔrennya saa.


Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam.


Mfa w’ahoɔden mma mmaa, na mfa w’akwan nyɛ deɛ ɛsɛe ahemfo.


Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan