Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:25
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.


Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.


Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara soɔ no, ɛdi okum oo, asutware oo, afideɛ fa oo, anaa duamda oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn.


Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.


Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?


Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka.


Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.


Na metee wɔn nteamu ne nsɛm yi no, me bo fuu pa ara.


Abufuhyeɛ hyɛ me so, abɔnefoɔ a wɔgya wo mmara no nti.


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman.


Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.


Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


na ɛne wɔn nnni ayewareɛ, mfa wo mmammaa mma wɔn mma, nso nnye wɔn mmammaa mma wo mma awareɛ.


Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan