Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Aseɛ ne sɛ, ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia Israelfo, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:2
12 Iomraidhean Croise  

Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira. Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye.


Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ, ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no, ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.


Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,


ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.


Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.


wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan