Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Na afei, mehyɛɛ sɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi sɛ Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ansa na homeda redu no, esum refi ase aduru Yerusalem apon mu no, mehyɛe sɛ wɔntoto apon no mu, na mekae sɛ wonnhiɛ gye sɛ homeda no atwam ansa; na miyiyii m’asomfo no mu binom gyinagyinaa apon no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:19
7 Iomraidhean Croise  

Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu.


na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.


Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie w’afuo nkwanseɛ deɛ twa, na nni wo nnɔbaeɛ no mu mpɛpɛ: Gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Ɛyɛ home mu homeda ma mo, na mommrɛ mo ho ase bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ; monni mo homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.


Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan