Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum home da ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:17
14 Iomraidhean Croise  

Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.


Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,


Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.


Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!


Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ.


Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?


Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan