Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ home da, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:15
31 Iomraidhean Croise  

Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie.


Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.


Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;


Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.


Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.


Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.


Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so?


Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Enti Israelfoɔ no nhwɛ homeda no na wɔnni, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛ daa apam.


Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.


Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.


Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,


Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm nie, sɛ motie me, na momfa adesoa biara mfa kuro yi apono mu mma mu homeda, na modi homeda no kronkron, nyɛ emu adwuma biara a,


Nanso sɛ moantie me, anni homeda no kronkron na, mosoa adesoa bi fa Yerusalem apono mu homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ n’apono mu gya, na ahye Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam na yɛatɔn ayuo, ne homeda, na yɛabue ɛsan ano, na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ, na yɛakyea nsania de asisie?


Me man, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, na ɛdeɛn na mede ahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ!


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ.


Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.


sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan