Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 12:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 12:39
12 Iomraidhean Croise  

Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.


Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.


Usai ba Palal dii ntweaso no ne abantenten a ɛtene firi atifi ahemfie nneduafoɔ abannwa ho no ntentensoɔ. Ɔno so na Paros ba Pedaia diiɛ.


Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.


Na ɛpono dada no, Pasea ba Yoida ne Besodeia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsamm soɔ, na wɔsii n’apono ne ne mpratwom ne n’adaban.


Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,


Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu.


Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, esu nne bɛfiri Mpataa Pono no ano, na adwotwa afiri Ɔfa a ɛtɔ so Mmienu no mu, na ɔsɛeɛ kɛseɛ afiri nkokoɔ no so aba.


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan