Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 11:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 11:3
14 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu.


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne ɔman no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.


Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so.


Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.


Asɔfoɔ no: Yedaia mma, Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa.


Lewifoɔ: Yesua mma: Kadmiel deɛ, Hodewa mma deɛ: Aduɔson nnan.


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.


Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ. Israel man mu mmarima dodoɔ nie:


Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan