Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:36
14 Iomraidhean Croise  

Na asɛm no hyetae no, Israel mma no de ayuo ne nsa ne ngo ne ɛwoɔ ne mfuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu adikanneɛ bebree bae, na nnoɔma nyinaa mu ntotosoɔ du du no nso, wɔde pii bae.


Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.


asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.


Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.


W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea.


Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?


Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.


Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.


na ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ ne mo anantwie ne mo nnwan mmakan nkorɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan