Nehemia 10:34 - New Revised Asante Twi Bible34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm34 “Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm34 “Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no. Faic an caibideil |