Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no home da a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 “Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 “Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:31
24 Iomraidhean Croise  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro.


Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.


Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ?


Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ.


na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.


na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman.


Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa?


Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.


Na monhyia da no ara; ɛnyɛ mo nhyia kronkron, monnyɛ adwuma den biara. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo tenabea nyinaa mu, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.


Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan