Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:7
24 Iomraidhean Croise  

na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.


Na wɔn mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu, Mose nwoma mu no a AWURADE hyɛɛ sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa no ara bɔne nti na wɔmma no nwuo.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fi na wɔnni me mmaransɛm so a,


ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.


Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ.


Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.


Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.


Mekaa sɛ: Suro me ara, gye nkyerɛkyerɛ, na wɔrentwa wo tenabea ntwene, deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho; nanso wotuaa nhema sɛesɛee wo nneyɛɛ nyinaa.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.


Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.


Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan