Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:4
22 Iomraidhean Croise  

Na Dawid srɛɛ Onyankopɔn maa abɔfra no; na Dawid bua dae, na ɔkɔɔ dan mu kɔdaa fam anadwo no.


ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa mmienu ne fa na ne terɛ basafa mmienu ne fa, na ne korɔn basafa baako ne fa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro,


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.


Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔgyesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase.


Na anwummerɛ afɔrebɔ mu no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ no mu, nso na masunsuane m’atadeɛ ne me batakari mu, na mekotoo me nankoroma anim metrɛɛ me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn


Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,


Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Babel nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ berɛ a yɛkaee Sion no.


Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;


sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho.


Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.


Meboaboa mo ano na mo asane adi afahyɛ a modi ho abooboo no bio, na moansoa ɛho ahohora.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan