Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:10
17 Iomraidhean Croise  

Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no, Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.


Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu.


O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree, na nkae amumuyɛ nkɔsi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.


Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan