Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na mɛto atantanneɛ agu wo so, na magu w’anim ase, na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mɛto atantanneɛ agu wo so, na magu w’anim ase, na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mede fi bɛsra wo ho, mebu wo animtiaa na mama nnipa ahwɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mɛtow atantanne agu wo so, na m’agoru wo ho, na mede wo mayɛ ahwɛde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 3:6
19 Iomraidhean Croise  

Wato me atwene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔteɛ ne nso.


Agyegyentwie mma ne wɔn, wɔn a wɔnni din mma nso, wɔapam wɔn afiri asase so.


ɛno nso wode me bɛto amena mu, na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu.


na Babel ayɛ akuakuo ne ɛserɛ so kraman tenabea, ahodwirideɛ ne fɛdie, na obiara rentena hɔ.


Wama me se awe mmosea, wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.


Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.


Ahohora amee wo asene animuonyam; wo nso nom, na wo momonoto nna adi; AWURADE nifa mu kuruwa bɛdane aba wo so, na ɛfeɛ ne ahohora bɛgu w’animuonyam so.


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;


Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.


wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de bɛsi nnɛ.


Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafoɔ adi akyire sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo, ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase ne abɔfoɔ ne nnipa.


Ebi ne sɛ, monam ahohora ne ahohia so yɛɛ adwasodeɛ, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfoɔ.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan