Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba, afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman, atɔfoɔ dɔɔso, awufoɔ dodoɔ yɛ duru na afunu nni ano; wɔsuntisunti wɔn afunu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba, afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman, atɔfoɔ dɔɔso, awufoɔ dodoɔ yɛ duru na afunu nni ano; wɔsuntisunti wɔn afunu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim; afoa twa yerɛw yerɛw, na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw. Atɔfo bebree, awufo a bi deda bi so, afunu a wontumi nkan wɔn dodow a nnipa tiatia so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Apɔnkɔsotefo nam so reba, afoa pa nyinamnyinam, na peaw pa yerɛwyerɛw, atɔfo dɔɔso, awufo dodow, wontumi nkan, na wohintihintiw wɔn afunu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 3:3
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.


Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.


Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu, na wɔn afunu ayi hwa kankan, na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn, na ɔde afena ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso.


Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.


na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ.


nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so, ɛminiminam mprama so; ɛho te sɛ tɛnee, ɛnenam sɛ anyinam.


owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie, w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan