Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 3:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Wo nso ahohiahia bɛboro wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Wo nso ahohiahia bɛboro wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wo nso wobɛbow Na wubehintaw wo ho de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ Na wo bɛhinta wo ho de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Wo nso ahohiahia bɛbow wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ guankɔbea ɔtamfo anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 3:11
19 Iomraidhean Croise  

Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani firi ahuro, mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara, aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.


AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu.


Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo, monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira. Mommoboro, nanso mommfa nsa; montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden!


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu, na memaa wɔboboroe, m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.


Monka wɔ Yuda, momma wɔnte wɔ Yerusalem, mommɔ din, monhyɛne totorobɛnto asase no so, monteam mma no nyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ano mma yɛnkɔ nkuro a ɛyɛ den mu.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;


Wɔbɛtafere mfuturo sɛ ɔwɔ, sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho fam, wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba; wɔde suro bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wɔasuro w’anim.


Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.


Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Sra nsraban a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ abɔsoɔ, hyɛ w’ahoɔden mu den yie.


Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Monkata yɛn so!


Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.


Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan