Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛhe na gyata tenabea no wɔ ne gyataburuwa adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, deɛ gyatanini ne gyatabereɛ ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛhe na gyata tenabea no wɔ ne gyataburuwa adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, deɛ gyatanini ne gyatabereɛ ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mprempren he na gyata buw no wɔ, faako a wɔma wɔn mma aduan no, faako a gyatanini ne gyatabere kɔe na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛhe na gyata tenabea no wɔ, ne gyataforo adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, nea gyatanini ne gyatabere ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 2:11
17 Iomraidhean Croise  

Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no?


Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane;


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ, na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a, wɔn nne mma no mmɔ binim, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE bɛduru sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.


Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobom sɛ agyataburuwa, wɔpɔ so kyere wɔn hanam, wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Gyataburuwa bobom na wɔpɔ so wɔ ne so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.


Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio.


Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.


Aman ho dwiri wɔn wɔn anim, nnipa nyinaa anim sinsiam.


Na wɔde afena ayɛne Asiria asase ne Nimrod asase n’apono mu. Na sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.


Gyata tetee mu maa ne mma na ɔmia maa n’abereɛ, na ɔde nteteeɛ hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde deɛ ɔtetee mu no hyehyɛɛ ne tenabea.


Due, mogya kuro! Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.


Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ, na ɔma ne ho so sɛ gyata: Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfoɔ mogya ansa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan