Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Sra nsraban a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ abɔsoɔ, hyɛ w’ahoɔden mu den yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Sra nsraban a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ abɔsoɔ, hyɛ w’ahoɔden mu den yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔtamfo reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɔkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɛkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Niniwe, nea ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Bɔ nsra a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ wo ho so, hyɛ w’ahoɔden mu den yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 2:1
14 Iomraidhean Croise  

nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.


Bɔ aseda afɔdeɛ ma Onyankopɔn, na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;


O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.


ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.


Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu.


Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie, na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no, anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo, na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ.


Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!


hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo,


Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no, sɛdeɛ Babel asi adane amamfo amanaman mu ne no!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan