Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were, na nʼabufuw tena wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 1:2
42 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so ama no de ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.


Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ;


deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.


AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.


Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu.


Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu, na AWURADE abufuhyeɛ, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.


Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Adiyifoɔ a wɔdii m’anim ne w’anim firi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsase bebree ne ahennie akɛseɛ akodie ne bɔne ne owuyadeɛ ho nkɔm.


Ɔde bɛhyɛ ne yam akɔsi daa anaa? Ɔbɛfa abufuo akɔsi aseɛ? Hwɛ, woka no saa deɛ, nanso woayɛ nnebɔne a wobɛtumi nyinaa.


Ebia wɔn nkotosrɛ bɛduru AWURADE anim, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ asɛm a AWURADE aka no ɔman yi ho no so kokuroo.


Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na monyi mo akoma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya abɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.


Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie, wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya ama no ahye ne nnyinasoɔ.


Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa ne mmonhwa no sɛ: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibereɛ mu na mekasa, ɛfiri sɛ moasoa amanaman ahohora;


Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel soɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, m’abufuhyeɛ bɛdɛre,


na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so,


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.


ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.


na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were, amanaman a wɔantie me no so.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.


Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu.


Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa.


Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.


Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ, Onyankopɔn ninkufoɔ.


na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.


Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me na mɛtua ka. Na bio: Awurade bɛbu ne man atɛn.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan