Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a, wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ. Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei deɛ meremmrɛ wo ase bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a, wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ. Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei deɛ meremmrɛ wo ase bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nea Awurade se ni: “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mudi mu na mo dɔɔso saa po a, wobetwitwa mo agu saa ara, na moatwam akɔ. Ao Yuda, na sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei de meremmrɛ wo ase bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 1:12
20 Iomraidhean Croise  

Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.


Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfiri hɔ dwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne ba Esarhadon bɛdii n’adeɛ.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,


Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba; adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio: Yei ne yɛn dwotwafoɔ, kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.


Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.


Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano, na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim, na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Sɛ wo Wura, AWURADE ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie: Hwɛ, megye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.


Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi, na ayi bɔgyesɛ nso.


na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.


Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho.


Na AWURADE bua see ne man sɛ: Hwɛ, merebrɛ mo aduane, nsamono ne ngo, na moamee, na meremfa mo memma ahohora amanaman mu bio.


Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.


Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan