Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 9:8
23 Iomraidhean Croise  

Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, Odiyifoɔ Natan nie. Na ɔduruu ɔhene anim no, ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam.


Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.


Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.


Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:


Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.


Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam.


Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn.


Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu.


Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.


Nkasa ngu ɔkwasea aso mu, na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia.


Deɛ ɔka obi anim no, akyire yi, ɔbɛnya animuonyam asene deɛ ɔde ne tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no!


Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan