Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na nokorɛ firi m’anomu, na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na nokorɛ firi m’anomu, na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mʼano ka nea ɛyɛ nokware, efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na nokware fi m’anom, na m’ano akyide ne abɔnefosɛm;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 8:7
13 Iomraidhean Croise  

Na ampa, me nsɛm nyɛ atorɔ, deɛ ɔdi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi.


Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;


AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani.


Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim.


Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ.


Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan