Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ, na adwempa nimdeɛ na mehunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ, na adwempa nimdeɛ na mehunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Me, nyansa, mene anitew na ɛte; nimdeɛ ne nhumu wɔ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Me, nyansa, me ne anitew na ɛte, na adwempa ne nimdeɛ na mihu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 8:12
16 Iomraidhean Croise  

ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.


ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ,


Ne nyinaa wɔ atwerɛeɛ a ɛfiri AWURADE nsam baa me soɔ no mu na ɔkyerɛɛ me nsususoɔ nnwuma no nyinaa.


Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu,


sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:


Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.


Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan