Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 6:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Na saa ahyɛde yi yɛ kanea saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛso nteɛso yi yɛ nkwa kwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea; saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi yɛ nkwa kwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 6:23
22 Iomraidhean Croise  

Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.


AWURADE ahyɛdeɛ tene, ɛma akoma tɔ yam. AWURADE mmarahyɛ ho te, na ɛte ani.


Deɛ ɔbu atenetene fa nkwa kwan so, na deɛ ɔpo animka no fom kwan.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.


Aso a ɛtie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafoɔ mu.


Abaa ne animka ma nyansa, na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.


Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu, na nhyira ne deɛ ɔkura mu.


Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.


na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.


na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene, na m’akoma kyirii animka nie!


Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no.


Onyansafoɔ animka tie yɛ sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim,


Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.


Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan