Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 4:4
22 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


W’adansesɛm yɛ tenenee daa, ma me nteaseɛ, na mennya nkwa.


Medi wo nsiesieeɛ ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.


Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.


Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;


ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.


Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.


Na menim sɛ, n’ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.


Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom montete wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;


na ɛma mekae wo gyidie a nkontompo nni mu a kane na ɛwɔ wo nana Lois ne wo na Eunike mu, na megye medi sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no.


na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Na ɔse: Mene no. Na Manoa kaa sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdeɛn ne abɔfra no ahyɛdeɛ na ɛdeɛn na ɔnyɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan