Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 4:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 na wɔdi abɔnefosɛm aduane, na amimdie nsa na wɔnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 na wɔdi abɔnefosɛm aduane, na amimdie nsa na wɔnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo, na wɔnom kitikitiyɛ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane, na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsa na wɔnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 4:17
17 Iomraidhean Croise  

Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo.


Aduane a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyire yi no, mmoseaa yɛ n’anomu ma.


Nsuo a wɔwia yɛ fremfrem, na ahuntaduane yɛ dɛ!


Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,


Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa ne papa sɛ bɔne, wɔn na wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!


Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.


Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.


Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan