Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 4:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne; na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 4:16
13 Iomraidhean Croise  

N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.


Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so; bɔne deɛ, ɔnkyi.


Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.


wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,


Kwati no, nsene mfa so, mane firi ho, na siane ho kɔ.


Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku; na ɛntumi nyɛ komm, na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu.


Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.


Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ


Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.


[Na anka yɛpɛɛ sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no atɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de aniɛden bɛgyee no yɛn nsam de no kɔe, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkuro no sɛ wɔmmra wo nkyɛn;]


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan