Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam, ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:9
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.


Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panin a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiti sɛ wɔfirii aseɛ de mmasoɔ adeɛ baa AWURADE fie no, yɛadidi amee, ama pii aka, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira ne man, na nkaeɛ ne kuo kɛseɛ yi.


Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.


Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so.


Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.


Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no.


W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee.


Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ no gu ne yɛfoɔ anim ase, na deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no, ɔhyɛ no animuonyam.


Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan, na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam; mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me, na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho;


na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;


Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no nso kɔnyaa mmienu kaa ho.


Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.


na Lewini, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ no, ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan