Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree na ɛde yiyedi abrɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:2
22 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.


wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu, sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no.


Asomdwoeɛ pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn.


aane, na hunu wo mma mma. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Ɔbisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.


Mɛma no adi nkwa tentene amee, na mama no ahunu me nkwagyeɛ.


AWURADE suro to nna so, na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.


Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono, wɔhu no tenenee kwan so.


Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfeɛ adɔɔso.


na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.


Na me nti na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.


na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ, na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;


Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;


na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛdeɛ ɔsoro a ɛkata asase soɔ yi nna teɛ.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan