Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsa foforo abu afa wʼahina so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amoa mu nsa foforo bebu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:10
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panin a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiti sɛ wɔfirii aseɛ de mmasoɔ adeɛ baa AWURADE fie no, yɛadidi amee, ama pii aka, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira ne man, na nkaeɛ ne kuo kɛseɛ yi.


Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.


Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Oyamyiefoɔ nya nhyira, na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni.


Na ayuo bɛyɛ porebea amaama, na nsa ne ngo ayeyɛ kyi-amena amaama abu so.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


na Lewini, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ no, ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.


AWURADE bɛhyɛ nhyira ama no aba wo so wɔ w’asan so ne adeɛ a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na ɔbɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan