Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 28:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 28:4
31 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Menhaa Israel, na mmom wo ne w’agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi Baalim akyire.


Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.


Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.


Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu, nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,


Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ na wɔayɛ no asase no soɔ.


Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no.


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ.


Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Wɔn deɛ, wɔfiri wiase. Yei nti na wɔfiri wiase kasa, na wiase tie wɔn.


Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan