Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 28:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Abɔnefoɔ dwane berɛ obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no, nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no, nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 28:1
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe.


Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba bɛka kyerɛɛ Ɔhene.


Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.


Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.


Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.


Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe.


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.


Na mmirekyie nufosuo no dɔɔso ma w’aduane, wo fiefoɔ aduane ne wo mmabaa akɔnhomabɔdeɛ.


Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano; nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane akɔsi sɛ wɔbɛgya mo sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;


Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.


Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.


AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.


AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre tia woɔ adi nkoguo w’anim; wɔnam ɔkwan koro so bɛfiri abɛhyia wo, na wɔnam akwan nson so adwane w’anim.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan