Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 26:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 26:4
14 Iomraidhean Croise  

na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.


Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.


Nkasa ngu ɔkwasea aso mu, na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia.


Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.


Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu.


Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no!


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan