Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 26:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni, efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyide ason wɔ ne komam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 26:25
11 Iomraidhean Croise  

Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.


Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ, na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.


Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho.


Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho.


Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Monnnye adamfoɔ nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so; ɔbaa a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.


Ɛno na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, monnnye nnni!


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan