Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 26:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana? Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 26:12
17 Iomraidhean Croise  

Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.


Woahunu onipa a ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho? Ɔno na ɔbɛgyina ahemfo anim, na ɔrennyina mpapahwekwaa anim.


Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ.


Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.


Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ, na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu.


Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ.


Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.


Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.


Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.


Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ ɔbaa no see Simon sɛ: Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo mangu me nan so, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tirinwi apepa ho.


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka.


Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!


Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan