Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 24:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea; wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nyansa korɔn dodo ma ogyimifo, ommue n’ano kurow pon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 24:7
21 Iomraidhean Croise  

na sɛ mama me nsa so awisiaa so, ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a,


ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe, na wɔpɛkyɛ wɔn wɔ kuro pono mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.


N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.


Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma, wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a, wɔn ani renwu.


Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa, nso ɔnnya, na nimdeɛ nyɛ nhunumufoɔ nyana.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.


Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire?


Nyansa wɔ nhunumufoɔ anim, na ɔkwasea deɛ, n’ani da asase ano nohoa.


Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.


Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu.


Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.


Wɔnim ne kunu kuro apono mu, berɛ a ɔte asase no so mpanimfoɔ mu.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie, na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.


Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm na ɔdwene amumuyɛsɛm, sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ, sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan, na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.


Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu, na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan