Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 23:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ebefuw ntaban na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ɛbɛfu ntaban na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 23:5
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na yei nyinaa ba!


Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio.


Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa. Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho, ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.


Na adeɛ a woakora ntena hɔ daa, na abotire kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so anaa?


Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.


Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.


Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.


Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.


Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia.


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan