Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 23:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ntwe tete hyeɛ, na nhyɛne nwisiaa mfuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ntwe tete hyeɛ, na nhyɛne nwisiaa mfuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu, na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu, na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ntwiw tete hye, na nhyɛn nyisaa mfuw mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 23:10
17 Iomraidhean Croise  

Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ, na nwisiaa abasa nso, wɔabubu.


Wɔte agyanka firi nufoɔ ano, na wɔgye mmɔborɔni hɔ awowa.


Awisiaa so mpo moretwe ntonto, na mo yɔnko tiri nso moredi ano.


Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu;


Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so.


AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie, na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.


Ntwe tete hyeɛ a w’agyanom abɔ ato hɔ no.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.


Na sɛ momma mo akwan ne mo nneyɛɛ yɛ yie ampa, sɛ mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,


sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a,


Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ntwe wo yɔnko hyeɛ a tetefoɔ atwa no w’agyapadeɛ a woanya mu wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so.


Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan