Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Adefoɔ di ahiafoɔ so, na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 22:7
16 Iomraidhean Croise  

Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ no gu ne yɛfoɔ anim ase, na deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no, ɔhyɛ no animuonyam.


Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden.


Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ de dɔre n’adeɛ, anaa ɔde n’adeɛ ma ɔdefoɔ no, hia na ɛbɛhia no.


Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu.


na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,


Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.


Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.


Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?


Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan