Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 21:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔbɔnefoɔ kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɔbɔnefoɔ kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne; onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne; ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 21:10
19 Iomraidhean Croise  

Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so; bɔne deɛ, ɔnkyi.


Ɔbɔnefoɔ pɛ deɛ nnipa bɔne anya, na ateneneefoɔ nhini bɛso aba.


Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne, na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ.


wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,


Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no, ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.


Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.


Mpam wo yɔnko ho apammɔne, berɛ a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no.


Na wɔde yeinom ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan