Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene koma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 21:1
26 Iomraidhean Croise  

Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔremma mu, AWURADE na ɔseɛ.


Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyanee Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.


Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.


Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man, na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ.


Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi.


Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane, na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi?


Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi, ɛpo mu asorɔkyeɛ nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.


Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.


Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.


Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.


Onipa anammɔntutuo firi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhunu n’akwan mu?


Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.


Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ: We na mɛma wo nsutene awewe.


Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.


Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.


Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan