Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a, ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a, ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔhene a ɔte asenni agua so de n’aniwa huw bɔne nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 20:8
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.


Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro kataa fam nyinaa.


Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.


Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim.


Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.


Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim, na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.


Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no, n’ahennwa bɛtim daa.


Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;


Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan