Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so, na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so, na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, na wɔatɔre atorofo ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so, na wɔatɔre atorofoɔ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 2:22
20 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɛma ɔhene bi so, Israel so a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene nnɛ. Na ɛfiri nnɛ,


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


Na wɔakora onipa bɔne de kɔsi sɛeɛ da, wɔde wɔn kɔ aweretɔ da.


Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.


Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.


ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa, ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea, na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.


Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea, na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.


Ɔteneneeni remfiri n’ananmu da biara da, na abɔnefoɔ deɛ wɔrentena asase so.


Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn.


AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.


enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpamo amanaman yi afiri w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na ewiram mmoa annɔɔso wo so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan